Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 11:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na ahene yi nkurow nyinaa ne emu ahene nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrante kunkum wɔn sɛee wɔn pasaa, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yosua kunkum ahemfo a wɔaka no nyinaa ne wɔn manfo sɛee wɔn pasaa sɛnea Mose, Awurade somfo, hyɛe no pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ahene yi nkurow nyinaa ne emu ahene nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrante kunkum wɔn sɛee wɔn pasaa, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 11:12
18 Referencias Cruzadas  

na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma wukum wɔn a, ɛnne sɛe wɔn pasaa, wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Sɛnea AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛe; wanyi asɛm bi amfi nea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.


Na wɔfae de nkrante kunkum wɔn ne emu hene ne wɔn nkurow no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; wamma obiara anka, sɛnea ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa.


Na wɔfae da no ara, na wɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasaa sɛnea ɔyɛɛ Lakis no ara.


Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae da a ɛto so abien no, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛnea ɔyɛɛ Libna no ara.


Na AWURADE de ɛno ne emu hene nso hyɛɛ Israel nsa, na ɔde nkrante kunkum akra a wɔwɔ mu nyinaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ ne hene no sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na wobuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofo nyinaa mfi mo anim, na mo nti yesuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yedii saa asɛm yi.


sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfo no, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu no, afɔremuka a wɔde abo amuamu a obi mmaa dade so wɔ so pɛn asi; na wɔbɔɔ so ɔhyew afɔre maa AWURADE, na wokunkum asomdwoe afɔre.


Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.


Nanso nkurow a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehyew, gye Hasor nko na Yosua hyewee.


Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no.


Na Yosua ne Israelfo no de okum kɛse pa kunkum wɔn wiei ma wɔsae, na nnipa a wofii mu no guanguan kɔhyɛnhyɛn nkurow a wɔatoto ho afasu mu no,


wɔn a wote bepɔw no so nyinaa, de fi Lebanon ho de kosi Misrefot-maim, Sidonfo nyinaa; me ara, metu wɔn afi Israelfo anim; ɛso ntonto nko na bɔ ma Israel na wɔmfa nni so, sɛnea mehyɛɛ wo no.


Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios