Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:8
16 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, odiyifo bi twiw bɛn Israel hene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So woahu asafokuw kɛse yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahu sɛ mene AWURADE.


Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.


Na ɔde wɔn ahene bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afi ɔsoro ase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akosi sɛ wobɛsɛe wɔn.


Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na mo bo nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn ko no nyinaa.


Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo fii Gilgal bae.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, medi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa biako.


Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre sian kɔ nsra no mu, na mede mahyɛ wo nsa.


na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na AWURADE de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios