Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:6
14 Referencias Cruzadas  

Na wosiim baa Yosua nkyɛn nsra mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mma no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yefi bae, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.


Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so.


Na nna no mu ara, Maria de ahoɔhare sɔre kɔɔ mmepɔw so Yuda kurow no mu,


Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa.


Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia fi sesɛɛ de kosi daa.


Na ɔhyehyɛɛ afurummere no, na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ka no kɔ ntɛm ara, ngow ammirikatu mu mma me, gye sɛ meka mekyerɛ wo.


Na wɔde Kiriat-arba, Anak agya no kurow a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw so ne ɛho mfikyisase a etwa ho hyia no maa wɔn.


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoe mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


Ɛnna mede mo mmusuakuw mu atitiriw, mmarima anyansafo a wɔdɛnsow misisii mo so atitiriw, apem apem so mpanyin ne ɔha ɔha so mpanyin ne aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so ahwɛfo.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko.


Ɛnna Yosua fii Gilgal foro kɔe, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.


Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios