Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti Amorifo ahemfo baanum no de wɔn nsraadɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn nsraadɔm no gyinagyinae, na afei wɔtow hyɛɛ Gibeon so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:5
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


Na awo ntoatoaso anan mu na wɔbɛsan aba ha, efisɛ Amorifo amumɔyɛ nnya nnui ɛ.


Na ahene baanum yi guan kohintaw Makeda ɔbodan no mu.


Na wɔdan nkurow a Filistifo agye Israel nsam no maa Israel, efi Ekron kosi Gat, ne ɛho nsaase nso, Israel gyee Filistifo nsam. Na asomdwoe baa Israelfo ne Amorifo ntam.


nso Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios