Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE kaa wɔn gui Israel anim, na wɔde okunkɛse kunkum wɔn wɔ Gibeon, na wotiw wɔn Bet-horon aforoee kwan no so, na wonkunkum wɔn de kosii Aseka ne Makeda.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE kaa wɔn gui Israel anim, na wɔde okunkɛse kunkum wɔn wɔ Gibeon, na wotiw wɔn Bet-horon aforoee kwan no so, na wonkunkum wɔn de kosii Aseka ne Makeda.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:10
29 Referencias Cruzadas  

Na ɔtotow n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee, ne anyinam de tanee wɔn ani.


Na Efraimfo hye, sɛ wɔn mmusua te, ni: Wɔn agyapade hye ne Atarot-adar apuei de kosi atifi wɔ Bet-horon;


na esian kɔ atɔe, Yafletifo hye ho de kosi anafo Bet-horon hye so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano.


Na AWURADE bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no, na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade, na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.


Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrante ano wɔ Barak anim, na Sisera fii ne nteaseɛnam mu sii fam guanee n’ananmu.


Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,


Na wɔreguan afi Israel anim na wokoduu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totow abo akɛse fi soro guguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui; wɔn a amparuwbo no kunkum wɔn dɔɔso sen wɔn a Israelfo no kunkum wɔn nkrante ano no.


nso Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu.


Ɔpampam amanaman, wɔn anim, na ɔbɔɔ wɔn awunnyade so ntonto kyɛɛ no hama so, na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn ntamadan mu.


Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn.


Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafo no gui Asa ne Yuda anim, na Etiopiafo no guanee.


na asafokuw biako tew faa Bet-horon kwan so, na asafokuw biako nso tew faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so kɔɔ sare so fam.


ne Kibsaim ne ɛho asase, ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkurow anan;


ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.


Makeda hene, Betel hene,


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi.


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwiriw kɛse aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsɛe.


Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo fii Gilgal bae.


Na Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebedi ako, na wɔbɛboaa wɔn ho ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛbɔɔ nsra Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.


Na ɔtotow agyan de bɔɔ wɔn petee, asraman na ɔde tan wɔn ani.


Na Solomon kyekyee Geser ne anafo Bet-horon,


Otumfo bɔ ahemfo gu asase no so a, ɛhoa sɛ nsukyerɛma, Salmon so.


Na Barak tiw nteaseɛnam no ne dɔm no koduu Haroset-hagoyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔe nkrante ano, anka obiako pɛ.


Wofi soro bedii ako, nsoromma fifii wɔn akwan so ne Sisera koe.


Na asafo a Amasia ma wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma koguu Yuda nkurow so fi Samaria koduu Bet-horon, na wokunkum wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfow ade bebree.


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahu ne nsa a ɛresian, abufuw ahomegu ne adehyew gyaframa, osu babababa ne osu yɔɔ ne amparuwbo mu.


Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios