Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, efisɛ wubedi me nkurɔfo yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 1:6
36 Referencias Cruzadas  

na ose: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoe nka wo, yɛ den, yɛ den! Na ɔne me kasae no, mehyɛɛ me ho den, na mise: Ma me wura nkasa, efisɛ woahyɛ me den.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.


Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si ofi a ɛbɛyɛ kronkronbea: Hyɛ wo ho den na yɛ!


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wubedi ahyɛde ne atemmude a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnne wobɛfɔefɔe. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro na wo koma nntu.


Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni.


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Yiw, ma w’ani nna AWURADE so.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo a wɔwɔ hɔ no anim da a wɔhyɛɛ asafo AWURADE dan no ase sɛ wɔresi asɔredan no anom no.


Me de, merekɔ asase sofo nyinaa kwan: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima.


Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.


Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.


Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi.


Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no; nsuro, na mma wo bo nntu.


Enti munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,


Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so.


Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.


Eyinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wonni so, sɛ wɔn din dodow te.


Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ munni so.


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo a wodi wɔn akyi no.


Obiara a ɔbɛtew w’anom asɛm ho atua na ɔrentie wo nyɛ nea wobɛhyɛ yɛn nyinaa no, wonkum no. Den nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.


Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.


Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na mo bo nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn ko no nyinaa.


wɔn a wote bepɔw no so nyinaa, de fi Lebanon ho de kosi Misrefot-maim, Sidonfo nyinaa; me ara, metu wɔn afi Israelfo anim; ɛso ntonto nko na bɔ ma Israel na wɔmfa nni so, sɛnea mehyɛɛ wo no.


Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?


Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israel, na wodii so tenaa so.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma wo bo nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo na ɔrennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ wobewie AWURADE fi som ho adwuma no nyinaa.


Na mo de, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua.


So ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wutuu asase yi sofo fii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefo de rekosi daa no?


hwɛ, nea wɔde retua yɛn so ka ne sɛ wɔaba rebetu yɛn afi w’agyapade a wɔde maa yɛn sɛ yenni so no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios