Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yona 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso Yona guan fii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na okonyaa hyɛn wɔ hɔ a na ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ka kɔtenaa hyɛn no mu, sɛ ɔrefi Awurade anim akɔ Tarsis.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, Yona dwane firii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na ɛhɔ ɔkɔnyaa ɛhyɛn a ɛrekɔ Tarsis. Ɔtuaa ka kɔtenaa ɛhyɛn no mu, sɛ ɔrefiri Awurade anim akɔ Tarsis.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Ver Capítulo Copiar




Yona 1:3
35 Referencias Cruzadas  

Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.


Na Kain fii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei.


Na ohuu saa no, ne nkwa nti ɔsɔre kɔe na okoduu Beer-seba a ɛyɛ Yuda de no, na ogyaw n’abofra no wɔ hɔ.


Na oduu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na afei, awi ne atoko ne ngo ne nsa a me wura kae no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.


Na yɛn de, yɛbɛtow nnua afi Lebanon sɛnea ehia wo nyinaa, na yɛde ayɛ ntɛnani de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem.


Na ɔhene wɔ ahyɛnkuw a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfe abiɛsa biara, Tarsis ahyɛn no ba pɛnkoro de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne akokɔnini abankwa.


Na wɔde sika maa abopaefo ne nnua adwumfo no, na wɔde aduan ne anonne ne ngo maa Sidonfo ne Tirofo sɛ wɔnkɔfa nkyeneduru nnua mfi Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛ Persia hene Kores maa wɔn ho kwan no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe.


Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.


Wɔn a wosian kɔɔ po so ahyɛn mu na wokodii nsu akɛse mu dwuma no,


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


Tiro ho atemmusɛm. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe Tiro abandennen no, ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn.


Twam kɔ w’asase so sɛ Nil; O Tarsis ahyɛn nkyekyeremu bi nni hɔ bio.


Muntwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofo, muntwa adwo.


Yiw, mpoano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam.


Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sika nso fi Ufas, ɛyɛ odwumfo nsa ano adwuma; bibitama ne ntama a ɛberedum na efura wɔn, wɔn nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma.


Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi; han w’anom, na di nea mede merema wo.


Tarsis ne wo guadifo, w’ade nyinaa dodow nti; dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;


Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Ɛnna nnipa no suroe pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔreguan afi, efisɛ waka akyerɛ wɔn.


Na obisaa sɛ: Ao, AWURADE! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wosakra w’adwene wɔ mmusu a wode reba ho.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa koso funtumdade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni no mu.


Nanso Paulo susuwii sɛ enye sɛ wɔbɛfa nea ɔtwee ne ho fii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.


Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,


Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Na wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.


Na ɛbae sɛ ɔtenaa Yopa kyɛe kakra, Simon, nhomahyɛfo bi, nkyɛn.


Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ ade a mede hoahoa me ho, efisɛ etwa sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, minnue!


Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, ne yi a woyi wɔn fi Awurade anim ne ne tumi anuonyam ho,


ne Me-yarkon ne Rakon, ɛne Yafo anim hye no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios