Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yona 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Kɔ kuropɔn Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn, efisɛ wɔn atirimɔdensɛm aforo abedu mʼanim.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Kɔ kuropɔn kɛseɛ Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn sɛ wɔn atirimuɔdensɛm aforo abɛduru mʼanim.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

Ver Capítulo Copiar




Yona 1:2
24 Referencias Cruzadas  

Asase no so na ofi kɔɔ Asaria kɔkyekyee Niniwe, Rehobot-ir ne Kala,


Ɛnna Asaria hene Senakerib sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe.


Na AWURADE diyifo bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Na ofii adi kohyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuw a ɛsɔre hyɛɛ Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuru a edu soro akunkum wɔn.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn, efisɛ yɛn amumɔyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodi aso akodu soro.


Na Asaria hene Senakerib tu siim sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe.


Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.


Na sɛ mise: Merenkae no anaa meremmɔ ne din menkasa bio a, na ɛyɛ me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; miso mu a mebrɛ ho, na mintumi.


Na wotie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ asowuifo.


Na wɔnka wɔn komam sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim.


Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ wo no kyerɛ wɔn.


Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no so siim kɔɔ Niniwe. Nso Niniwe yɛ kurow kɛse, nnansa na wɔde twa ho hyia.


Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de, renyɛ me yaw anaa?


Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.


Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.


Wo kuru nni asaye, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so; na hena na watumi aguan afi wo daadaa haw no ho?


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.


Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.


Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom.


Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios