Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 9:7 - KYERƐW KRONKRON

7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so wɔ Ɔtadeɛ Siloa mu (ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no). Ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so wɔ Ɔtadeɛ Siloa mu (ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no). Ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 9:7
21 Referencias Cruzadas  

Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.


AWURADE bue anifuraefo ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotow so gyina, AWURADE dɔ treneefo,


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo, anaa ɔdehufo anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me AWURADE ara?


Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn;


Ɛno na anifuraefo aniwa bebue, na asotifo aso abue;


sɛ: Bue aniwa a afura, yi apokyerɛfo fi afiase, ne wɔn a wɔtete sum mu fi nneduadan mu.


Fa ɔman a wɔyɛ anifuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra, ɛne asotifo a wɔwɔ aso no.


Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,


Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.


adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti?


Na wɔn mu binom se: Oyi a obuee onifuraefo no ani no, sɛ anka obetumi agye oyi afi owu mu?


Obua kae sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade.


Na Yesu kae sɛ: Atemmu nti na mebaa wiase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo.


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios