Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 9:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.” Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 9:16
18 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.


Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda.


Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.


Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafo no mu bio.


Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni!


Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’Agya.


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.


Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me.


Ɛnna Yudafo kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?


Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom.


Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?


Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuw no mu.


Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no, mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.


Nanso kurom hɔfo no mu paee, ɔfa wɔ Yudafo no afa, na ɔfa nso wɔ asomafo no afa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios