Yohane 8:9 - KYERƐW KRONKRON9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii hɔ mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no. Ver Capítulo |