Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:53 - KYERƐW KRONKRON

53 Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woreyɛ wo ho dɛn ni?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

53 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

53 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Abraham ana? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

53 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

53 Woyɛ kɛse sene yɛn agya Abraham anaa? Ɔwuiɛ; saa ara nso na adiyifoɔ no wuwuiɛ. Wosusu sɛ woyɛ hwan?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

53 Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woreyɛ wo ho dɛn ni?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:53
14 Referencias Cruzadas  

So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa?


na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.


Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi?


Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.


Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.


Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.


Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios