Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Moreyɛ nea mo agya yɛe.” Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ.” Nnipa no sane kaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:41
17 Referencias Cruzadas  

Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: M'abakan ne Israel.


Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.


Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Na mise: Mede wo mesi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo. Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensan mfi m’akyi bio.


So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni.


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa?


Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyide Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda ahura Awurade kronkronbea a ɔdɔ no ho, na wakɔware onyame nanani babea.


Nea mahu Agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moate mo agya no nkyɛn.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, monnsesa mo ho nkamaa na mommmɔ tikwaw mmma owufo biara;


So AWURADE na mutua no ka sɛɛ yi? Ɔman nkwaseafo a wonni ti! So ɛnyɛ ɔno ne w’agya a onyaa wo? Ɔno na ɔyɛɛ wo na ɔde wo tim hɔ.


ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios