Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wiase; me de, mimfi wiase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wiase; me de, mimfi wiase.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:23
15 Referencias Cruzadas  

Nnipa nneyɛe fam, w’anom asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfo akwan ho.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.


Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.


Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa,


Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios