Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Ɔrebɛdi ne ho awu anaa, enti na ɔse: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekokum ne ho?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Ɔrebɛdi ne ho awu anaa, enti na ɔse: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yudafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na ɔrekɔ a ɔse ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekɔkum ne ho?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:22
11 Referencias Cruzadas  

Taamudifo fɛwdi ne ahantanfo aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.


Na me de, meyɛ aboa,, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohorade ne ɔman akyiwade.


Ma atorofo ano mmua, wɔn a wɔka ɔtreneeni ho nsɛm a ɛyɛ den, ahokyerɛ ne aniammɔnho mu no.


Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.


Na wɔn mu bebree kae sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na mutie no?


Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo?


Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo?


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da.


Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.


Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nkɔsoa n’ahohora.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios