Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna osee wɔn bio sɛ: Me de, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mubewu mo bɔne mu; na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ: Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn akɔ; mobɛhwehwɛ me na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ: Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu sane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mɛfiri mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhunu me. Na mo deɛ, mobɛwu wɔ mo mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna osee wɔn bio sɛ: Me de, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mubewu mo bɔne mu; na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:21
21 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman ne ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ wo ɛ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onni hɔ, a, ɔma ahenni no ne ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo ɛ.


Ne mmerantebere mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama, na afei ɛne no abɛda dɔte mu.


Onipa bɔne wu a, n’anidaso yera, na amumɔyɛfo kwanhwɛ yera.


Wosum ɔbɔnefo kyene, ne bɔneyɛ mu, na ɔtreneeni wɔ ne wu mu anidaso.


Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; na aberante bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛfo a wadi mfe ɔha mpo no yɛ nea wɔadome no.


Na mise mo sɛ efi sesɛɛ morenhu me de bɛkɔ akosi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Eyi de, ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.


Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.


Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.


Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.


Enti mise mo sɛ: Mubewu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu.


Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios