Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:51 - KYERƐW KRONKRON

51 Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

51 Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

51 Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

51 Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:51
8 Referencias Cruzadas  

Ntie atesɛm hunu. Wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso sɛ wubedi nkontompo adanse.


Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.


Obiara a okum obi no, adansefo anom asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfo no; na ɔdansefo biako nnni adanse nntia ɔkra bi mmma onnwu.


Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɔ na Onyankopɔn bɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔayɛ ho fitaa; na wote hɔ rebu me ntɛn sɛnea mmara no te, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me?


Monnhwɛ nnipa anim atemmu mu, muntie aketewa sɛ ɔkɛse, munnsuro onipa anim, efisɛ atemmu yɛ Onyankopɔn dea; na asɛm a ɛyɛ den sen mo na momfa mmrɛ me, na mintie.


Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so na wɔmfa nkum nea ɔsɛ owu; wɔmmfa ɔdansefo biako anom asɛm so nnkum no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios