Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:42 - KYERƐW KRONKRON

42 Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ, saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:42
17 Referencias Cruzadas  

Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya.


AWURADE aka Dawid ntam nokwarem a ɔnnan ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’agua so mama wo.


Mɛma w’asefo atim akosi daa, na mama w’ahengua asi so akodu awo ntoatoaso a edidi so so. Sela


Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ:


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.


sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne n'abusua mu,


Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Na mmerante no mu biako buae sɛ: Hwɛ, mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a otumi, na ɔyɛ ɔkofoni, na onim kasa nso, ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.


Na Samuel yɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kurow no mu mpanyin de ahopopo behyiaa no kae sɛ: Woba no asomdwoe mu anaa?


Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Aberante, hena ba ne wo? Na Dawid buae sɛ: W’akoa Yese, Betlehemni no, ba ne me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios