Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ, a deɛ ɛntene nni ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:18
19 Referencias Cruzadas  

Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn,


anaasɛ yɛanhwehwɛ nnipa anim anuonyam amfi mo anaa afoforo nkyɛn;


Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew,


Ɛwodi ntraso nye, enti anuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ anuonyam.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka AWURADE man nyinaa adannan adiyifo, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam.


Yesu buae sɛ: Sɛ mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee; ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me anuonyam.


efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.


Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, anka mobehu sɛ obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios