Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:15
18 Referencias Cruzadas  

Na wɔn nyinaa dii no adanse, na adom nsɛm a efi n’anom no yɛɛ wɔn nwonwa, na wobisae sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi?


Na oyii n’ano saa no, Festo de nne kɛse kae sɛ: Paulo, woabɔ dam, nhomanim bebrebe abɔ wo dam.


Asomfo no buae sɛ: Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.


Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.


Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa; na wogyaw no hɔ kɔe.


Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.


Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw.


Na wɔn a wonim no kan no nyinaa huu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifo mu no, nkurɔfo no sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn ne nea ayɛ Kis ba no yi? So Saul nso fra adiyifo no mu anaa?


Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he?


Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.


Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.


Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Minnim nhoma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios