Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:51 - KYERƐW KRONKRON

51 Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

51 Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

51 Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

51 Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:51
30 Referencias Cruzadas  

sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


Na ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?


Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so,


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.


Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.


Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.


Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no,


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.


eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.


Sɛnea kyerɛwsɛm no kae no: Nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam.


ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata atwe wiase afam ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no,


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


esiane ɔkwan a wɔasiesie yɛn, ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,


Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apa no na Onyankopɔn de, wafa no na ne bo yɛ den a,


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.


Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios