Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Afei Yesu maa n’ani so na ohui sɛ nkurɔfokuw kɛse reba ne nkyɛn no, osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Afei Yesu maa n’ani so, na ɔhunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Afei Yesu maa n’ani so, na ɔhunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Afei Yesu maa n’ani so na ohui sɛ nkurɔfokuw kɛse reba ne nkyɛn no, osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:5
14 Referencias Cruzadas  

Ɛhe na menya nam mama ɔman yi nyinaa, sɛ wosusu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yenni yi?


Na asuafo no see no sɛ: Ɛhe na yebenya abodoo a ɛbɛso nkurɔfokuw pii sɛɛ, anwea pradada so ha?


Na wɔde ɔkorow siim mu kɔɔ sare so fa baabi.


Na asomafo no san bae, na wɔbɛkaa nea wɔakɔyɛɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ɔfa baabi, kurow a wɔfrɛ no Betsaida no ho.


Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


Nso Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom.


Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret no.


Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!


Natanael see no sɛ: Ɛdɛn na wode huu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo.


Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na otwa bere adu? Hwɛ, mise mo sɛ, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios