Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:44
22 Referencias Cruzadas  

Twe me di w’akyi! Ma yɛnyɛ ntɛm. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. Trenee so na wɔdɔ wo.


So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.


AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ me fii teteete sɛ: Mede daa dɔ na adɔ wo, na ne saa nti, me nokwaredi ne wo wɔ hɔ.


Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso, na meyɛɛ wɔn sɛ nea ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛoo memaa no didii.


Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no.


Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Munnnwiinwii mo mu!


Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Na ɔkae sɛ: Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’Agya de ama no ansa.


Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm.


efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso,


Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios