Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔmeemee no, osee n’asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔmeemee no, osee n’asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:12
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.


Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu.


Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no.


Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafo kwan yafumpan.


Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa.


Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.


Na wodii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien.


Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios