Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara wɔhia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara a wɔhia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:11
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.


Na ɛbae sɛ ɔne wɔn te adidii no, ɔfaa abodoo hyiraa so, na obubui de maa wɔn.


Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra!


Ɛnna Yesu bɛfaa abodoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.


Na wosii fam no, wohuu nnyansramma a nam gu so, ne abodoo.


Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ;


Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?


Na ɔkaa saa na ɔfaa abodoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na obubui fii ase dii.


Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!


Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Mudu kurow no mu ara pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi; efisɛ ɔman no nnidi kosi sɛ ɔbɛba: Na ɔno na ohyira afɔre no so ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na ɛnnɛ ara na mubehu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios