Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sen sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:44
26 Referencias Cruzadas  

efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.


na mmom Yudani pa ara ne nea ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne nea wɔayɛ no komam wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu, ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na mmom efi Nyankopɔn.


Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ara mo ho.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.


na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa de, anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn, Yudafo kan ne Helafo nso bi.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Na osee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi!


Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Esiane sɛ ɛwɔ wo komam sɛ anka wubesi dan ama me din yi, woayɛ yiye sɛ ɛwɔ wo koma mu.


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra.


Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.


efisɛ ɛnyɛ nea oyi ne ho ayɛ na ɔfra, na mmom nea Awurade yi no ayɛ no.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm.


Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn.


So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.


Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.


Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn,


anaasɛ yɛanhwehwɛ nnipa anim anuonyam amfi mo anaa afoforo nkyɛn;


Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!


Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios