Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:22
23 Referencias Cruzadas  

na wama no tumi sɛ ommu atɛn nso, efisɛ ɔyɛ Onipa Ba.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔno ne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.


Na Yesu kae sɛ: Atemmu nti na mebaa wiase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo.


Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim.


ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn sɛnea m’asɛmpa te no.


sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Wɔn na wobeyi ano akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no.


Wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn, obebu wiase atɛn, trenee mu, ne amanaman, atɛntrenee mu.


Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.


Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios