Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:21
14 Referencias Cruzadas  

Na sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu no Honhom te mo mu a, nea onyan Kristo fii awufo mu no bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.


Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.


Yesu see no sɛ: Mene owusɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.


Adɛn nti na mubu eyi asɛm a wonnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?


sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na Israel hene kan nhoma no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: So Onyankopɔn ne me na mekum na mama nkwa, sɛ oyi resoma aba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhu sɛ asɛm na ɔrepɛ me.


Na ɔteɛɛ ne mu butuw abofra no so mprɛnsa, na ɔteɛɛm frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abofra yi kra nsan mmra no mu.


Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios