Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:2
14 Referencias Cruzadas  

de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.


Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.


Na twea abansoro dan no ne nguan pon no ntam no, sika adwumfo ne aguadifo na amiamiaa mu.


na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.


na Dawid kurow no mu mpaepae no, mubehu sɛ ayɛ bebree, na moaboa ase tare no mu nsu ano;


Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu fii adi, na ɔbɛtenaa atemmu agua so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛwee, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.


Na ɔso n’asɛnnua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa beae a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Saa kyerɛw yi na Yudafo no mu pii kanee, efisɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kurow no; na wɔakyerɛw no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).


Na eyinom mu na nnipa pii, ayarefo, anifuraefo, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwu dedae


Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma biako, na eyi nti na ɛyɛ mo nyinaa nwonwa.


Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntrapoe no so de ne nsa nyamaa nkurɔfo no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa san ne nne mu kae sɛ:


Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ: Abadon, na Hela kasa mu de, ɛde Apolion.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios