Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ wayɛ nneɛma yi homeda.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ wayɛ nneɛma yi homeda.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:16
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye sɛ biako no.


Na Farisifo no fii adi no, ntɛm ara wɔne Herodefo kotuu ne ho agyina sɛnea wobɛsɛe no.


Na wɔn de, abufuw yɛɛ wɔn ma, na wotuu adekode wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.


Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.


Ɛnna wɔhwehwɛe bio sɛ wɔkyere no, na ofii wɔn nsa kɔe.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.


Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.


Nso nea ne ho asan no nnim onipa ko; efisɛ na nkurɔfokuw no wɔ hɔ nti, Yesu nso atwe ne ho afi hɔ.


Onipa no siim kɔe kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den.


Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma biako, na eyi nti na ɛyɛ mo nyinaa nwonwa.


Ɛnna Yerusalemfo no mu bi kae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios