Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 4:48 - KYERƐW KRONKRON

48 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

48 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

48 Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

48 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

48 Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

48 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 4:48
29 Referencias Cruzadas  

Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.


Ɔne nea oyi na ogye, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro ne asase so, na ɔno na wayi Daniel afi agyata nsam.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛtew me ahi akosi da bɛn? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa akyi?


Na Farisifo ne Sadukifo no bae bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi.


Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na osee wɔn sɛ: Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam.


Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso wɔannye no anni,


Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’Agya.


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?


Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adi. Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di.


Ahenkwaa panyin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa.


Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii ne dom asɛm no ho adanse, na ɔnam wɔn nsa so ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.


Na nnipakuw no nyinaa yɛɛ komm, na wotiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ amanaman mu no.


Na mɛma anwonwade aba ɔsoro, na nsɛnkyerɛnne aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne owusiw kumɔnn.


Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no,


Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafo no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne pii.


bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.


Na wɔnam asomafo no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de koma koro wɔ Solomon abrannaa so.


Na Stefano a gyidi ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu.


Ɔno ara na ɔde wɔn fii adi yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne sare so mfirihyia aduanan.


nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko.


Efisɛ Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa;


Ɔsomafo nsɛnkyerɛnne no de, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne tumide mu.


Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiriwde nyinaa mu


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios