Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 4:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu buae se, “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 4:34
21 Referencias Cruzadas  

N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.


Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.


Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.


Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Na Yesu sɔre ne n’asuafo no dii n’akyi.


Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.


Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.


Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?


Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.


Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.


Ɛnna Yesu gyee nsa nyinyanyinya no no, ɔkae sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne ti ase de ne honhom mae.


Na osee wɔn sɛ: Mewɔ aduan midi a munnim.


Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me.


Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.


efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.


nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios