Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 4:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 4:19
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me koma ne wo ankɔ bere a ɔbarima no dan ne ho fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no? So bere a wogye dwetɛ na wogye ntade ne ngo nnua ne bobe nturo ne nguan ne anantwi ne nkoa ne mfanaa ni?


Na ne nkoa no mu biako kae sɛ: Me wura ɔhene, ɛnte sa, na mmom odiyifo Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka wo dabekyiri no kyerɛ Israel hene.


Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na obisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wosee no sɛ: Nea ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi, nneyɛe ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na Farisini a ohyiaa no adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa aka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa!


Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo.


Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios