Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 4:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 4:14
32 Referencias Cruzadas  

ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.


Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa yi, na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom, ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ.


Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


Na mɛma ɔkra a atɔ beraw ani so atetew no, na mama akra a atɔ piti nyinaa amee.


Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ.


Nanso nsuaniwa anaa abura a nsu wom de, ɛho tew ara; na biribiara a ɛka wɔn funu na ɛho ntew.


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.


Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso.


Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.


Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi?


Yesu bua see no sɛ: Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio.


Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.


Eyi ne abodoo a efi soro sian bae no, ɛnte sɛ nea mo agyanom dii na wowuwui no; nea odi abodoo yi bɛtena ase daa.


Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu


Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.


Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.


Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn.


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios