Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:34
29 Referencias Cruzadas  

Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na Okyigyinafo a mɛsoma no mabrɛ mo afi Agya no nkyɛn, nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse;


Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.


efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,


Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu;


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,


Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.


Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; nea enti muntie wɔn ne sɛ, mumfi Nyankopɔn mu.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,


Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.


Na wotwae no, Elia ka kyerɛɛ Elisa se: Bisa nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn akɔ. Na Elisa sɛ: Ma wo honhom abupɛn abien mmra me so.


Na AWURADE sian omununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ no so no bi guu mpanyimfo aduɔsɔn no so; na honhom no bae wɔn so no, wɔkaa adiyisɛm, bere tiaa bi mu a wɔansan anyɛ bio.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ.


Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.


Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo.


de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no.


Eyi ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a efi AWURADE gya afɔre mu, ɛda a wɔde wɔn bae sɛ wommedi AWURADE asɔfo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios