Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:19
33 Referencias Cruzadas  

afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho,


Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni.


sohori, patukɛse, ɛpo so asomfena ne akoroma, sɛnea wɔn su te,


Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ɔsoa fitaa bi wɔ were no mu a adan nwi no fitaa, na anammono repuw nsoae no mu a,


Eyi na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe.


Na akoa no a onim nea ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛnea ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii.


Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.


Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.


efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antena sum mu.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.


Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.


Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.


Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so.


na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow,


na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn.


ne hintibo ne hintiduato botan ama wɔn, Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Ɛno nti na woyii wɔn mae.


Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios