Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:18
19 Referencias Cruzadas  

Nea ogye di na wɔabɔ no asu no, wobegye no nkwa, na nea onnye nni no, wobebu no fɔ.


Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.


Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.


Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.


Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe;


Ɛnne afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.


hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn.


Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan?


yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn,


Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu.


Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.


Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.


Nea ogye Onyankopɔn ba no di no wɔ adanse n’ankasa ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama wadan ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni.


Nea ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no; nea onni Nyankopɔn ba no, onni nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios