Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:15 - KYERƐW KRONKRON

15 na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 na obiara a ogye me di no benya nkwa a enni awiei.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:15
37 Referencias Cruzadas  

Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.


Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.


Na Mose yɛɛ kɔbere wɔ no, na ɔde no sɛn frankaa dua no so; na sɛ ɔwɔ ka obi, na ɔhwɛ kɔbere wɔ no a, na wanya nkwa.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Nea ogye di na wɔabɔ no asu no, wobegye no nkwa, na nea onnye nni no, wobebu no fɔ.


Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.


Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma


Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.


Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.


Monhwɛ, mo fɛwdifo, na ɛnyɛ mo nwonwa na monyera; efisɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo bere so, adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.


Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?


Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.


Na asɛnnua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de ɛyɛ Onyankopɔn tumi.


Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔreyera no mu;


Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios