Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ no so sɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so,

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:14
16 Referencias Cruzadas  

Ɔno na oyiyii sorɔnsorɔmmea no, na obubuu adum no, na otwitwaa Asera nnua no gui, na obubuu kɔbere a Mose yɛe no; na ɛde besi saa bere no na Israelfo hyew aduhuam ma no, na wɔfrɛɛ no Nehustan.


Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu.


Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.


Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?


Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.


sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo de no kɔmae sɛ wommu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.


Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu.


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios