Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 20:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 20:9
22 Referencias Cruzadas  

Na worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.


M’ahoɔden mu ayow sɛ kyɛmfɛre, na me tɛkrɛma afam me dodom, na wode me ato owu mfutuma mu.


Na AWURADE bɛpopa aniwa nyinaa mu nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ AWURADE na waka.


W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu.


Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi.


Ɛnsɛ sɛ Kristo no behu saa amane no ansa na wakɔ n’anuonyam mu anaa?


Na wɔante asɛm yi ase, efisɛ na wɔde ahintaw wɔn na wɔanhu. Na wosuroe sɛ wobebisa no asɛm yi.


Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.


Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu. Na ose: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.


Ɔno na Onyankopɔn anyan no, na wasan owuyaw hama, efisɛ antumi anka no anhyɛ.


Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios