Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 20:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu frɛɛ no se, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”).

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”).

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).

Ver Capítulo Copiar




Yohane 20:16
26 Referencias Cruzadas  

Na nsɛm yi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ose: Mini.


Na AWURADE bɔfo fi soro frɛɛ Abraham bio sɛ: Abraham, Abraham! Na ose: Mini.


Na hwɛ, mo ani ahu na me nua Benyamin nso ani ahu, sɛ m'ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi.


Na AWURADE hui sɛ waman rehwɛ no, Onyankopɔn fi nkyɛkyerɛ no mu frɛe sɛ: Mose, Mose! Na ose: Mini!


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, efisɛ woanya m'anim adom, na mede wo din minim wo.


Mitwaa wɔn ho kakraa pɛ no, ɛnna mihuu nea me kra dɔ no no, misoo no mu na mannyaa no mu kosii sɛ mede no mebaa me na fi, ne nea ɔwoo me no pia mu.


Me de, mereda no, na me koma nyanee. Me dɔfo nne ni, ɔpem se: Hiɛ me, me nua, m’adamfowaa, m’aborɔnoma a wudi mu; na obosu ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔe ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.


Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!


Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade!


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho;


Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.


Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo.


Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho.


Na wohuu no ɛpo no agya no, wosee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?


Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me?


Na AWURADE bae begyinaa hɔ frɛɛ sɛ kan no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.


Na AWURADE frɛɛ Samuel bio sɛ Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na ose: Memfrɛɛ wo ɛ, me ba, san kɔda.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios