Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 2:25 - KYERƐW KRONKRON

25 na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Na ɔnhia onipa adanseɛ a ɔbɛdi afa onipa ho, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 2:25
9 Referencias Cruzadas  

wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne komam no; na wo ara wo nko na wunim nnipa mma nyinaa koma mu,


Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,


Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?


Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.)


Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!


Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no.


Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?


Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.


Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios