Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 2:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no duruiɛ a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bebree maa nnipa gyee no diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 2:23
18 Referencias Cruzadas  

Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.


Ɛnna Yudafo no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wohuu ade a Yesu yɛe no gyee no dii.


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na oduu Galilea no, Galileafo no a wohuu nea ɔyɛe Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no, efisɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.


Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me.


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.


Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?


Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios