Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 2:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu wusɔreɛ no akyi ansa na asuafoɔ no kaee asɛm a ɔkaeɛ no. Yei ma wɔgyee Atwerɛsɛm ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 2:22
13 Referencias Cruzadas  

Na worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.


Ɛnsɛ sɛ Kristo no behu saa amane no ansa na wakɔ n’anuonyam mu anaa?


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Nso n’asuafo no ante eyinom ase kan no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu anuonyam akyi no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔakyerɛw eyinom ne ho, na wɔayɛ ama no.


na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.


Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me.


Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.


Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no.


sɛ Onyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyan Yesu, sɛnea wɔakyerɛw dwom a ɛto so abien no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios