Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 2:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mate deɛ moaka no. Nsɛnkyerɛnneɛ a mede bɛdi adanseɛ ara ne sɛ, mommubu asɔredan yi ngu na mede nnansa bɛsi bio.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 2:19
23 Referencias Cruzadas  

Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.


Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni!


sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam!


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu no Honhom te mo mu a, nea onyan Kristo fii awufo mu no bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.


Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo.


Ɔno na Onyankopɔn anyan no, na wasan owuyaw hama, efisɛ antumi anka no anhyɛ.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam Agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu.


Yesu see no sɛ: Mene owusɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.


Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no, na ne nnansa so wasɔre;


Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so.


Na sɛ wɔka Kristo ho sɛ wɔanyan no afi awufo mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufo sɔre nni hɔ?


na mmom yɛn nso a yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di no, wobebu no saa ama yɛn;


Mo na Onyankopɔn nyan n’akoa no, ɔsomaa no mo nkyɛn kan, sɛ ommehyira mo, sɛ ɔbɛdan mo nyinaa afi mo bɔne ho.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


sɛ: Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa akyi, menyan.


Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan.


Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios