Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 19:9 - KYERƐW KRONKRON

9 na ɔhyɛn amrado aban no mu bio, na osee Yesu sɛ: Wufi he? Na Yesu ammua no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 na ɔhyɛn amrado aban no mu bio, na osee Yesu sɛ: Wufi he? Na Yesu ammua no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 19:9
18 Referencias Cruzadas  

Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano.


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.


Ɛnna amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafokuw no nyinaa behyiae n’anim.


Na obisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no.


Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.


Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa?


Yesu buaa no sɛ: Efi wo ankasa wo tirim na woka eyi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu?


Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, osuroe pii,


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ midi m’ankasa me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi ne faako a merekɔ; na mo de, munnim nea mifi ne nea merekɔ.


na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, eyi fi Nyankopɔn,


Ɛnna ɔbea no bae bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Onyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Onyankopɔn bɔfo anim, na mammisa no nea ofi, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios