Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 19:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Yesu fii adi bae, na ɔhyɛ nsɔe kyɛw hyɛ atade kɔkɔɔ no. Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no ni!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Yesu fii adi bae, na ɔhyɛ nsɔe kyɛw hyɛ atade kɔkɔɔ no. Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no ni!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 19:5
8 Referencias Cruzadas  

Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.


Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


So ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na munhu, sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw a wɔde aba me so yi a AWURADE de ahow me werɛ n’abufuhyew da no!


na wɔde nsɔe nwenee abotiri hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wobuu nkotodwe n’anim goruu ne ho sɛ: Yudafo hene, mo oo!


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


Na asraafo no nwenee nsɔe abotiri na wɔde bɔɔ ne ti, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi guguu no so,


nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios