Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 19:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 19:11
37 Referencias Cruzadas  

Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nkunimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahenni wɔ wo, na wo na wokorɔn wɔ ade nyinaa so.


Matɔ mum, mimmue m’ano, efisɛ wo na woayɛ.


Onyankopɔn akasa pɛnkoro, mprenu na mate: Sɛ tumi yɛ Onyankopɔn dea,


Hena na ɔka na ɛba mu, bere a Awurade nhyɛe ɛ?


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.


na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?


na wɔpam no fii nnipa mma mu, na ne koma yɛe sɛ mmoa de, na ɔne sare so mfurum tenae, wɔma ɔwee wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, kosii sɛ ohui sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no.


Na wɔkyeree no de no kɔe, kɔhyɛɛ amrado Pilato nsa.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ!


Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi.


na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no.


Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu?


Yohane bua kae sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no ansa.


Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka munni bɔne; na afei muse: Yehu, enti na mo bɔne aka.


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no.


sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanyimfo tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios