Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 18:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Wɔbuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Meni! Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me ni!” Na Yuda a oyii no maa no gyina hɔ bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔbuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Meni! Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me ni!” Na Yuda a ɔyii no maeɛ no gyina hɔ bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 18:5
8 Referencias Cruzadas  

Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.


So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu; bere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose.


Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.


Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!


Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hena?


Ɛnna osee wɔn sɛ: Mini! no, wopinii nkyirinkyiri, na wɔhwehwee ase.


Na Pilato kyerɛw ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafo hene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios