Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 18:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Ver Capítulo Copiar




Yohane 18:12
17 Referencias Cruzadas  

Na wokoduu nea Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, na osiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔremuka no so wɔ nnyina no so.


Na ɔde wɔn koguu afiase wɔ ankɔbeafo so panyin no fi, faako a Yosef da hɔ.


AWURADE ne Nyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa nnubaa ntwa afahyɛ asefo no ho nhyia nkodu afɔremuka no mmɛn ho.


Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa hɔ, faako a Kyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyia no.


Na wɔkyeree no de no kɔe, kɔhyɛɛ amrado Pilato nsa.


Ɛnna amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafokuw no nyinaa behyiae n’anim.


Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo ne kyerɛwfo no nyinaa behyiae.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na wɔkyeree no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin fi. Na Petro de, odi wɔn ntɛntɛnso wɔ akyirikyiri.


Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.


Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuw a wɔfrɛ no Italia de no mu ha so panyin.


Na wɔrehwehwɛ akum no no, asɛm no koduu asraafo apem so safohene no asom sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka.


Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, obisaa ɔsafohene no sɛ: So mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ wo? Na ose: Wunim Hela kasa anaa?


Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroe sɛ ebia wɔbɛtetew Paulo nti, ɔhyɛɛ asraafo no sɛ wonsian mmehuam no wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.


Na Filistifo no kyeree no tutuu n’aniwa, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam awi apokyerɛfo fi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios